2 Korintofoɔ 8:20
2 Corinthians 8:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho.
2 Corinthians 8:20 in English
2 Corinthians 8:20 · Berean Standard Bible
We hope to avoid any criticism of the way we administer this generous gift.
Context
18Yɛresoma onua bi a wɔbu no wɔ asɔre ahodoɔ no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho. 19Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa. 20Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho. 21Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim. 22Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.