2 Korintofoɔ 6:10
2 Corinthians 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
2 Corinthians 6:10 in English
2 Corinthians 6:10 · Berean Standard Bible
sorrowful, yet always rejoicing; poor, yet making many rich; having nothing, and yet possessing everything.
Context
8Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ. 9Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara. 11Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo. 12Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo akoma mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.