2 Korintofoɔ 5:9
2 Corinthians 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara.
2 Corinthians 5:9 in English
2 Corinthians 5:9 · Berean Standard Bible
So we aspire to please Him, whether we are here in this body or away from it.
Context
7Ɛfiri sɛ, yɛn nkwa gyina gyidie so na ɛnnyina deɛ yɛhunu so. 8Yɛwɔ nkuranhyɛ enti, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu afiri yɛn fie wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fie. 9Sɛ yɛwɔ yɛn fie ha anaa nohoa no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sene biribiara. 10Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase wɔ onipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn. 11Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.