Native Bible

2 Corinthians 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi.

2 Corinthians 5:14 in English

2 Corinthians 5:14 · Berean Standard Bible

For Christ’s love compels us, because we are convinced that One died for all, therefore all died.

Context

12Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie. 14Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. 15Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no. 16Enti, ɛnsɛ sɛ yɛgyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo ɛberɛ bi a atwam no na yɛgyina nnipa adwene so na yɛhunu Kristo a, afei deɛ, yɛrenyɛ saa bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.