Native Bible

2 Corinthians 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie.

2 Corinthians 5:13 in English

2 Corinthians 5:13 · Berean Standard Bible

If we are out of our mind, it is for God; if we are of sound mind, it is for you.

Context

11Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu. 12Yɛrensane nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom, yɛrebɔ ho mmɔden sɛdeɛ mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde onipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛyɛ ma mo yiedie. 14Afei a yɛahunu sɛ onipa baako na ɔwu maa nnipa nyinaa wuu bi no enti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Yei kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wuo no mu kyɛfa bi. 15Ɔwu maa yɛn nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio na mmom, wɔbɛtena ase ama deɛ yɛn enti, ɔwuiɛ a wɔmaa ɔsɔre firii awufoɔ mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.