Native Bible

2 Corinthians 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa?

2 Corinthians 3:8 in English

2 Corinthians 3:8 · Berean Standard Bible

will not the ministry of the Spirit be even more glorious?

Context

6Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa. 7Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ. 8Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa? 9Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so? 10Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.