Native Bible

2 Corinthians 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.

2 Corinthians 3:4 in English

2 Corinthians 3:4 · Berean Standard Bible

Such confidence before God is ours through Christ.

Context

2Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan. 3Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu. 4Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. 5Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn. 6Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.