Native Bible

2 Corinthians 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ.

2 Corinthians 3:16 in English

2 Corinthians 3:16 · Berean Standard Bible

But whenever anyone turns to the Lord, the veil is taken away.

Context

14Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di. 15Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. 16Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ. 17Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ. 18Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.