Native Bible

2 Corinthians 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ.

2 Corinthians 2:11 in English

2 Corinthians 2:11 · Berean Standard Bible

in order that Satan should not outwit us. For we are not unaware of his schemes.

Context

9Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa. 10Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim 11sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ. 12Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ. 13Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.