2 Korintofoɔ 12:4
2 Corinthians 12:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka.
2 Corinthians 12:4 in English
2 Corinthians 12:4 · Berean Standard Bible
was caught up to Paradise. The things he heard were too sacred for words, things that man is not permitted to tell.
Context
2Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 3Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 4Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka. 5Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho. 6Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.