2 Korintofoɔ 11:28
2 Corinthians 11:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia.
2 Corinthians 11:28 in English
2 Corinthians 11:28 · Berean Standard Bible
Apart from these external trials, I face daily the pressure of my concern for all the churches.
Context
26Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wiram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane. 27Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii, menna. Ɛkɔm ne sukɔm dee me. Mpɛn pii, mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ. 28Ɛberɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia. 29Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho. 30Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.