Native Bible

2 Corinthians 11:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi.

2 Corinthians 11:21 in English

2 Corinthians 11:21 · Berean Standard Bible

To my shame I concede that we were too weak for that! Speaking as a fool, however, I can match what anyone else dares to boast about.

Context

19Mo ankasa mo ani ate enti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ. 20Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo afidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so. 21Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, e nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi. 22Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. 23Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Merekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.