Native Bible

2 Corinthians 1:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so.

2 Corinthians 1:19 in English

2 Corinthians 1:19 · Berean Standard Bible

For the Son of God, Jesus Christ, who was proclaimed among you by me and Silvanus * and Timothy, was not “Yes” and “No,” but in Him it has always been “Yes.”

Context

17Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani? 18Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a. 19Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so. 20Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.