2 Korintofoɔ 1:18
2 Corinthians 1:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a.
2 Corinthians 1:18 in English
2 Corinthians 1:18 · Berean Standard Bible
But as surely as God is faithful, our message to you is not “Yes” and “No.”
Context
16Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. 17Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani? 18Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a. 19Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so. 20Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.