2 Berɛsosɛm 9:28
2 Chronicles 9:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so.
2 Chronicles 9:28 in English
2 Chronicles 9:28 · Berean Standard Bible
Solomon’s horses were imported from Egypt and from all the lands.
Context
26Ɔdii ɔhene, bunkam faa ahemfo nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate ano de kɔsi Filistifoɔ asase ne Misraim hyeɛ so. 27Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so. 28Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so. 29Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu odiyifoɔ Natan nwoma, Ahiya a ɔfiri Silo adiyisɛm ne nhunumuni Ido anisoadehunu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu. 30Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so ɔhene mfeɛ aduanan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.