2 Berɛsosɛm 29:4
2 Chronicles 29:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ.
2 Chronicles 29:4 in English
2 Chronicles 29:4 · Berean Standard Bible
Then he brought in the priests and Levites and gathered them in the square on the east side.
Context
2Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 3Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ. 4Ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, wɔmmɛhyia no wɔ Asɔredan no adihɔ a ɛwɔ apueeɛ fam hɔ. 5Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Lewifoɔ, montie me! Monnwira mo ho, na monnwira Awurade, mo agyanom Onyankopɔn Asɔredan no nso. Monyiyi biribiara a efi aka no mfiri kronkronbea hɔ. 6Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.