2 Berɛsosɛm 29:17
2 Chronicles 29:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa.
2 Chronicles 29:17 in English
2 Chronicles 29:17 · Berean Standard Bible
They began the consecration on the first day of the first month, and on the eighth day of the month they reached the portico of the LORD. For eight more days they consecrated the house of the LORD itself, finishing on the sixteenth day of the first month.
Context
15Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu. 16Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu. 17Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ da bi a ɛwɔ bosome a ɛdi ɛkan no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, na wɔaduru Awurade Asɔredan no abankua mu hɔ. Na wɔde nnafua nwɔtwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ɛwiee dwumadie no nyinaa. 18Na Lewifoɔ no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛdeɛ dwumadie no akɔsi kyerɛɛ no. Wɔkaa sɛ, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyeɛ afɔrebɔ afɔrebukyia no a nneɛma ahodoɔ ka ho ne Hyiadan mu Burodo no ɛpono no ne ɛho nneɛma ho. 19Afei, nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee wɔ ɛberɛ a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakɔgye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔrebukyia no anim a wɔadwira ho na wɔbɛtumi de adi dwuma biara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.