2 Berɛsosɛm 29:14
2 Chronicles 29:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne: Yehiel ne Simei. Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne: Semaia ne Usiel.
2 Chronicles 29:14 in English
2 Chronicles 29:14 · Berean Standard Bible
Jehiel and Shimei from the Hemanites; and Shemaiah and Uzziel from the Jeduthunites.
Context
12Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase.
Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne:
Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl.
Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne:
Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.
Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne:
Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden; 13Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne:
Simri ne Yeiel.
Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne:
Sakaria ne Matania. 14Wɔn a wɔfiri Heman abusua mu ne:
Yehiel ne Simei.
Wɔn a wɔfiri Yedutun abusua mu ne:
Semaia ne Usiel. 15Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ, na wɔdwiraa wɔn ho. Na afei, wɔhyɛɛ aseɛ dwiraa Awurade Asɔredan no sɛdeɛ ɔhene no hyɛeɛ no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadie no mu. 16Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.