2 Berɛsosɛm 22:3
2 Chronicles 22:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.
2 Chronicles 22:3 in English
2 Chronicles 22:3 · Berean Standard Bible
Ahaziah also walked in the ways of the house of Ahab, for his mother was his counselor in wickedness.
Context
1Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda. 2Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia. 3Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. 4Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu. 5Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.