2 Berɛsosɛm 20:8
2 Chronicles 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo nkurɔfoɔ tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo.
2 Chronicles 20:8 in English
2 Chronicles 20:8 · Berean Standard Bible
They have lived in the land and have built in it a sanctuary for Your Name, saying,
Context
6Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Ao Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote soro. Wo na wodi ahennie a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfoɔ ne ɔkɛseɛ a obiara ntumi ne wo nni asie. 7Ao yɛn Onyankopɔn, ɛberɛ a wo nkurɔfoɔ bɛduruiɛ no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no anaa? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefoɔ afebɔɔ anaa? 8Wo nkurɔfoɔ tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. 9Wɔkaa sɛ, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, yadeɛ anaa ɛkɔm bi to yɛn a, yɛbɛtumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din animuonyam no. Yɛbɛtumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wobɛtie yɛn, agye yɛn.’ 10“Na afei, hwɛ deɛ Amonfoɔ, Moabfoɔ ne Seir akodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim wɔ ɛberɛ a Israel firii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.