2 Berɛsosɛm 2:4
2 Chronicles 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.
2 Chronicles 2:4 in English
2 Chronicles 2:4 · Berean Standard Bible
Behold, I am about to build a house for the Name of the LORD my God to dedicate to Him for burning fragrant incense before Him, for displaying the showbread continuously, and for making burnt offerings every morning and evening as well as on the Sabbaths, New Moons, and appointed feasts of the LORD our God. This is ordained for Israel forever.
Context
2Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim. 3Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:
“Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no. 4Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. 5“Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara. 6Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.