Native Bible

2 Chronicles 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no.

2 Chronicles 2:3 in English

2 Chronicles 2:3 · Berean Standard Bible

Then Solomon sent word to Hiram * king of Tyre: “Do for me as you did for my father David when you sent him cedars to build himself a house to live in.

Context

1Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso. 2Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim. 3Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no. 4Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. 5“Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.