Native Bible

2 Chronicles 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no.

2 Chronicles 19:6 in English

2 Chronicles 19:6 · Berean Standard Bible

Then he said to the judges, “Consider carefully what you do, for you are not judging for man, but for the LORD, who is with you when you render judgment.

Context

4Na Yehosafat* tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ, wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn. 5Ɔyiyii atemmufoɔ wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, 6hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no. 7Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ.” 8Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.