2 Berɛsosɛm 11:19
2 Chronicles 11:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham.
2 Chronicles 11:19 in English
2 Chronicles 11:19 · Berean Standard Bible
She bore sons to him: Jeush, Shemariah, and Zaham.
Context
17Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahennie mu no. 18Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso. 19Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. 20Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. 21Na Rehoboam dɔ Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.