1 Timoteo 5:7
1 Timothy 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ.
1 Timothy 5:7 in English
1 Timothy 5:7 · Berean Standard Bible
Give these instructions to the believers, so that they will be above reproach.
Context
5Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa. 6Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma ewiase a, na ɔyɛ teaseawuo. 7Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ. 8Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no. 9Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokorɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.