1 Timoteo 4:5
1 Timothy 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho.
1 Timothy 4:5 in English
1 Timothy 4:5 · Berean Standard Bible
because it is sanctified by the word of God and prayer.
Context
3Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di. 4Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so. 5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho. 6Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo. 7Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.