Native Bible

1 Timothy 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn.

1 Timothy 3:14 in English

1 Timothy 3:14 · Berean Standard Bible

Although I hope to come to you soon, I am writing you these things

Context

12Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie. 13Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam. 14Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn. 15Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ. 16Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn: Ɔbaeɛ onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfoɔ hunuu no, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, na ewiase gyee no diiɛ, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.