1 Timoteo 1:15
1 Timothy 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa.
1 Timothy 1:15 in English
1 Timothy 1:15 · Berean Standard Bible
This is a trustworthy saying, worthy of full acceptance: Christ Jesus came into the world to save sinners, of whom I am the worst.
Context
13Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ. 14Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no. 15Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa. 16Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.