Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no.

1 Samuel 6:5 in English

1 Samuel 6:5 · Berean Standard Bible

Make images of your tumors and of the rats that are ravaging the land. Give glory to the God of Israel, and perhaps He will lift His hand from you and your gods and your land.

Context

3Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.” 4Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ* te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ. 5Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. 6Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so. 7“Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.