1 Samuel 30:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.”
1 Samuel 30:15 in English
1 Samuel 30:15 · Berean Standard Bible
“Will you lead me to these raiders?” David asked. And the man replied, “Swear to me by God that you will not kill me or deliver me into the hand of my master, and I will lead you to them.”
Context
13Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?”
Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare. 14Yɛkɔtuaa Keretifoɔ* wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.” 15Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?”
Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.” 16Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so. 17Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.