1 Samuel 28:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?” Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.”
1 Samuel 28:11 in English
1 Samuel 28:11 · Berean Standard Bible
“Whom shall I bring up for you?” the woman asked. “Bring up Samuel,” he replied.
Context
9Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?” 10Saulo de Awurade din kaa no ntam sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ yei ho da.” 11Afei, ɔbaa no bisaa sɛ, “Hwan na memfrɛ no mma wo?”
Ɔbuaa sɛ, “Frɛ Samuel ma me.” 12Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “woadaadaa me! Wone Saulo!” 13Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro. Ɛdeɛbɛn na wohunu?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Mehunu honhom bi sɛ apue afiri fam reba.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.