Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti

1 Samuel 26:3 in English

1 Samuel 26:3 · Berean Standard Bible

Saul camped beside the road at the hill of Hachilah opposite Jeshimon, but David was living in the wilderness. When he realized that Saul had followed him there,

Context

1Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” 2Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti 4ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no. 5Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.