1 Samuel 25:41
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.”
1 Samuel 25:41 in English
1 Samuel 25:41 · Berean Standard Bible
She arose, then bowed facedown and said, “Here is your maidservant, ready to serve and to wash the feet of my lord’s servants.”
Context
39Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka Awurade a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.”
Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, maa wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔbɛware no. 40Asomfoɔ no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛbisa wo sɛ wobɛware no anaa?” 41Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kaa sɛ, “Aane, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfoɔ mpo.” 42Ntɛm ara, Abigail huri tenaa nʼafunumu so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere. 43Dawid waree Ahinoam* a ɔfiri Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.