Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka.

1 Samuel 25:21 in English

1 Samuel 25:21 · Berean Standard Bible

Now David had just finished saying, “In vain I have protected all that belonged to this man in the wilderness. Nothing that belongs to him has gone missing, yet he has paid me back evil for good.

Context

19Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monni ɛkan nkɔ. Mɛti mo.” Nanso, wanka deɛ na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal. 20Ɔte nʼafunumu so nam ara kɔsii bepɔ bi nsiane mu no, ɔhunuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔresiane hyia no. 21Na Dawid aka sɛ, “Mfasoɔ biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapadeɛ so wɔ ɛserɛ so a ne biribiara annyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka. 22Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fieni bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.” 23Abigail hunuu Dawid no, ntɛm ara, ɔhuri firii nʼafunumu no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.