Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn.

1 Samuel 22:20 in English

1 Samuel 22:20 · Berean Standard Bible

But one of the sons of Ahimelech son of Ahitub escaped. His name was Abiathar, and he fled to David.

Context

18Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg sɛ, “Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no.” Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum. 19Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa. 20Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn. 21Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no, 22Dawid teaam sɛ, “Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg wɔ hɔ saa ɛda no, na menim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.