Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi.

1 Samuel 21:2 in English

1 Samuel 21:2 · Berean Standard Bible

“The king has given me a mission,” David replied. “He told me no one is to know about the mission or charge. And I have directed my young men to meet me at a certain place.

Context

1Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?” 2Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. 3Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.” 4Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.