1 Samuel 2:1
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.
1 Samuel 2:1 in English
1 Samuel 2:1 · Berean Standard Bible
At that time Hannah prayed: “My heart rejoices in the LORD in whom my horn * is exalted. My mouth speaks boldly against my enemies, for I rejoice in Your salvation.
Context
1Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu!
Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ!
Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ,
na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho. 2“Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn. 3“Gyae ahantansu ne ahomasoɔ no,
nkasa wɔ ahantan so saa!
Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔnim wo nneyɛeɛ
na ɔbɛbu wo deɛ woayɛ no so atɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.