1 Samuel 18:27
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ.
1 Samuel 18:27 in English
1 Samuel 18:27 · Berean Standard Bible
David and his men went out and killed two hundred Philistines. He brought their foreskins and presented them as payment in full to become the king’s son-in-law. Then Saul gave his daughter Michal to David in marriage.
Context
25Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono. 26Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no, 27Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ. 28Saulo hunuu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no, 29Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.