Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.”

1 Samuel 17:28 in English

1 Samuel 17:28 · Berean Standard Bible

Now when David’s oldest brother Eliab heard him speaking to the men, his anger burned against David. “Why have you come down here?” he asked. “And with whom did you leave those few sheep in the wilderness? I know your pride and wickedness of heart—you have come down to see the battle!”

Context

26Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?” 27Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.” 28Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.” 29Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” 30Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.