1 Samuel 14:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”
1 Samuel 14:7 in English
1 Samuel 14:7 · Berean Standard Bible
His armor-bearer replied, “Do all that is in your heart. Go ahead; I am with you heart and soul.”
Context
5Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim. 6Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.” 7Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.” 8Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn. 9Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.