Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw.

1 Samuel 1:6 in English

1 Samuel 1:6 · Berean Standard Bible

Because the LORD had closed Hannah’s womb, her rival would provoke her and taunt her viciously.

Context

4Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. 5Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma. 6Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw. 7Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. 8Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.