Native Bible

1 Peter 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so.

1 Peter 4:8 in English

1 Peter 4:8 · Berean Standard Bible

Above all, love one another deeply, because love covers over a multitude of sins.*

Context

6Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena. 7Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ. 8Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. 9Monnye mo ho ahɔhoɔ wɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire. 10Honhom mu adom a obiara anya no, ɔnnyina so mfa nsom afoforɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.