Native Bible

1 Peter 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.

1 Peter 3:9 in English

1 Peter 3:9 · Berean Standard Bible

Do not repay evil with evil or insult with insult, but with blessing, because to this you were called so that you may inherit a blessing.

Context

7Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan. 8Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira. 10Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie na ɔhunu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. 11Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.