Native Bible

1 Peter 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso.

1 Peter 1:4 in English

1 Peter 1:4 · Berean Standard Bible

and into an inheritance that is imperishable, undefiled, and unfading, reserved in heaven for you,

Context

2Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo. 3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim, 4enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe, na ɛrempa nso. 5Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu. 6Ɛwom sɛ, ebia, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no enti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.