Native Bible

1 Kings 8:59 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpaeɛ wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛtie me ne Israelfoɔ, na wayɛ deɛ ɛhia yɛn daa ama yɛn.

1 Kings 8:59 in English

1 Kings 8:59 · Berean Standard Bible

And may these words with which I have made my petition before the LORD be near to the LORD our God day and night, so that He may uphold the cause of His servant and of His people Israel as each day requires,

Context

57Awurade, yɛn Onyankopɔn, nka yɛn ho sɛdeɛ ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennya yɛn da biara da. 58Ɔmma yɛnya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛdeɛ wɔ biribiara mu, na yɛnni mmara ne ahyɛdeɛ a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so. 59Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpaeɛ wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛtie me ne Israelfoɔ, na wayɛ deɛ ɛhia yɛn daa ama yɛn. 60Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforɔ biara nni hɔ. 61Na mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ no, nni Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nokorɛ daa. Monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so daa, sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.