Native Bible

1 Kings 8:46 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn, na woama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so.

1 Kings 8:46 in English

1 Kings 8:46 · Berean Standard Bible

When they sin against You—for there is no one who does not sin—and You become angry with them and deliver them to an enemy who takes them as captives to his own land, whether far or near,

Context

44“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ ma wɔpue, kɔko tia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ, srɛ Awurade fa saa kuro yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 45ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. 46“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn, na woama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. 47Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’ 48Na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa dane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpaeɛ ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kuro a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi a,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.