1 Ahemfo 8:45
1 Kings 8:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn.
1 Kings 8:45 in English
1 Kings 8:45 · Berean Standard Bible
then may You hear from heaven their prayer and their plea, and may You uphold their cause.
Context
43tie firi soro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahunu, na wɔasuro wo, sɛdeɛ wo ara wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ no. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so. 44“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ ma wɔpue, kɔko tia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ, srɛ Awurade fa saa kuro yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, 45ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. 46“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn, na woama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. 47Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.