1 Ahemfo 8:3
1 Kings 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a mpanimfoɔ no duruu Israel no, asɔfoɔ no maa Adaka no so.
1 Kings 8:3 in English
1 Kings 8:3 · Berean Standard Bible
When all the elders of Israel had arrived, the priests took up the ark,
Context
1Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuo ne mmusua biara mu ntuanofoɔ nyinaa, sɛ wɔnhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforɔ wɔ Asɔredan mu hɔ. 2Wɔn nyinaa bɛhyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirinhyia afahyɛ a wɔfrɛ no Dwanekɔbea Afahyɛ no ase wɔ bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) mu. 3Ɛberɛ a mpanimfoɔ no duruu Israel no, asɔfoɔ no maa Adaka no so. 4Afei, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ maa Awurade Adaka no ne Ntomadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔate ho no ka ho. 5Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.