1 Ahemfo 7:40
1 Kings 7:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
1 Kings 7:40 in English
1 Kings 7:40 · Berean Standard Bible
Additionally, Huram made the pots,* shovels, and sprinkling bowls. So Huram finished all the work that he had undertaken for King Solomon in the house of the LORD:
Context
38Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu. 39Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so. 40Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia.
Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho: 41afadum mmienu,
aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,
nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no, 42ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.