1 Ahemfo 7:25
1 Kings 7:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam.
1 Kings 7:25 in English
1 Kings 7:25 · Berean Standard Bible
The Sea stood on twelve oxen, three facing north, three facing west, three facing south, and three facing east. The Sea rested on them, with all their hindquarters toward the center.
Context
23Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum. 24Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi. 25Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 26Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako. 27Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.